Abawo
- Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Abawo | |
---|---|
Nsεm a wͻahyehyε ne baabi a wonya nsεm afoforo |

Abawo, a wɔsan frɛ no awokyem ne awo, yɛ awiei a wɔde ba nyinsɛn mu a nkokoaa biako anaa nea ɛboro saa fi awotwaa mu.[1] Wɔ afe 2015 mu no, wɔwoo nkokoaa ɔpepem ɔha aduasa anum wiase nyinaa.[2] Wɔwoo bɛyɛ ɔpepem dunum ansa na nnawɔtwe aduasa asɔn soe,[3] na efi ɔha mu nkyekyem abiɛsa kosi dumien nso na wɔwoo wɔn wɔ nnawɔtwe aduanan abien akyi.[4] Wɔ aman a wɔanya wɔn ho mu no, wogye awo dodow no ara wɔ ayaresabea[5][6] bere a wɔ aman a wonni bi mu no, wogye awo dodow no ara wɔ fie wɔ awo mu aboafo hwɛ ase.[7]
Ɔkwan a ebu so a wɔfa so wo mma ne awo a ɛfa ɔbea ase no.[8] Tebea ahorow abiesa na ɛwɔ eyi mu:ɛyɛ tiaa ne ase a emu bue, akokoaa no san, afei na wɔawo ba no na akyiri yiawo akyi ahoma nso apue aba.[9] Tebea a edi kan no gye nnɔnhwerew dumien kosi dunkrɔn, nea edi hɔ gye simma aduonu kosi nnɔnhwerew abien, na nea etwa to no nso gye simma anum kosi aduasa.[10] Ɔfa a edi kan no taa de ɛyaw ba ɔbea no ase anaa n’akyi a egye anibu aduasa na ɛba simma du kosi aduasa biara.[9] Bere rekɔ so no, ɛyaw no mu yɛ den na ɛba ntɛmntɛm nso.[10] Wɔ ɔfa a ɛto so abien no mu no, n’ase betumi amia.[10] Wɔ nea ɛto so abiesa mu no ahoma a ɛso akokoaa no mu a wɔbɛkyekyere yɛ nea wɔhyɛ ho nkuran mpɛn pii.[11] Akwan ahorow wɔ hɔ a ɛbɛboa ama ɛyaw abrɛ ase te sɛ da a ɔbɛda hɔ nnuru, ne nea wɔde to n’akyi.[10]
Mpɛn pii no, nkokoaa no ti na edi kan ba; nanso wɔ bɛyɛ ɔha mu nkyekyem anan mu no, wɔn nan anaa wɔn to di kan ba, a wɔfrɛ no awodan.[10][12] Mpɛn pii wɔ awo mu no, ɔbea no tumi didi na otumi di akɔneaba, wɔnhyɛ nkuran sɛ obepia wɔ ɔfa a edi kan no mu anaa bere a akokoaa no ti apue no, na wɔnhyɛ sa a wɔsa ho nkuran.[13] Ɛwom sɛ twa a wotwaɔbea ase, a wɔfrɛ no episiotomy, abu so de, nanso ɛho nhia mpɛn pii[10] Wɔ afe 2012 mu no, wɔnam oprehyen so gyee nkokoaa ɔpepem aduonu abiesa, a wɔfrɛ eyi Caesarean section.[14] Wobetumi ahyɛ Caesarean section ho nkuran ama ntaafo, sɛ wohu sɛ akokoaa no ahaw, anaa awo a ɛredan.[10] Wɔ ɔkwan yi mu no, ebetumi agye bere tenten ansa na obi ho atɔ no.[10]
Afe biara no, nyinsɛn ne awo mu haw ahorow de mmaatan a wɔhwere wɔn nkwa, mpem ahanum ba, wɔn mu ɔpepem asɔn nya ɔhaw ahorow a egye bere tenten, na ɔpepem aduonum nso nya akwahosan ho haw wɔ awo akyi.[15] Eyinom dodow no ara sisi wɔ aman a wonni bimu.[15] Awo akyi ɔhaw no bi ne awo a biribi si no kwan,awo akyi mogyatu,asehwe, ne awo akyi nyarewa.[15] Ɔhaw a etumi ba akokoaa no so bi ne ɔhome papa a wonnya.[16]
Nsεm afoforo[sesa | edit source]
- ↑ Martin, Elizabeth. Concise Colour Medical Dictionary (in English). Oxford University Press. p. 375. ISBN 9780199687992.
- ↑ "The World Factbook". www.cia.gov. July 11, 2016. Retrieved 30 July 2016.
- ↑ "Preterm birth Fact sheet N°363". WHO. November 2015. Retrieved 30 July 2016.
- ↑ Buck, Germaine M.; Platt, Robert W. (2011). Reproductive and perinatal epidemiology. Oxford: Oxford University Press. p. 163. ISBN 9780199857746.
- ↑ Co-Operation, Organisation for Economic; Development (2009). Doing better for children. Paris: OECD. p. 105. ISBN 9789264059344.
- ↑ Olsen, O; Clausen, JA (12 September 2012). "Planned hospital birth versus planned home birth.". The Cochrane database of systematic reviews (9): CD000352. PMID 22972043.
- ↑ Fossard, Esta de; Bailey, Michael (2016). Communication for Behavior Change: Volume lll: Using Entertainment–Education for Distance Education. SAGE Publications India. ISBN 9789351507581. Retrieved 31 July 2016.
- ↑ Memon, HU; Handa, VL (May 2013). "Vaginal childbirth and pelvic floor disorders.". Women's health (London, England) 9 (3): 265–77; quiz 276–7. PMID 23638782.
- ↑ 9.0 9.1 "Birth". The Columbia Electronic Encyclopedia (6 ed.). Columbia University Press. 2016. Retrieved 2016-07-30 from Encyclopedia.com.
- ↑ 10.0 10.1 10.2 10.3 10.4 10.5 10.6 10.7 "Pregnancy Labor and Birth". Women's Health. September 27, 2010. Retrieved 31 July 2016.
- ↑ McDonald, SJ; Middleton, P; Dowswell, T; Morris, PS (11 July 2013). "Effect of timing of umbilical cord clamping of term infants on maternal and neonatal outcomes.". The Cochrane database of systematic reviews (7): CD004074. PMID 23843134.
- ↑ Hofmeyr, GJ; Hannah, M; Lawrie, TA (21 July 2015). "Planned caesarean section for term breech delivery.". The Cochrane database of systematic reviews (7): CD000166. PMID 26196961.
- ↑ Childbirth: Labour, Delivery and Immediate Postpartum Care (in English). World Health Organization. 2015. p. Chapter D. ISBN 978-92-4-154935-6. Retrieved 31 July 2016.
- ↑ Molina, G; Weiser, TG; Lipsitz, SR; Esquivel, MM; Uribe-Leitz, T; Azad, T; Shah, N; Semrau, K; Berry, WR; Gawande, AA; Haynes, AB (1 December 2015). "Relationship Between Cesarean Delivery Rate and Maternal and Neonatal Mortality". JAMA 314 (21): 2263–70. PMID 26624825. doi:10.1001/jama.2015.15553.
- ↑ 15.0 15.1 15.2 Education material for teachers of midwifery : midwifery education modules (2nd ed.). Geneva [Switzerland]: World Health Organisation. 2008. p. 3. ISBN 978-92-4-154666-9.
- ↑ Martin, Richard J.; Fanaroff, Avroy A.; Walsh, Michele C. Fanaroff and Martin's Neonatal-Perinatal Medicine: Diseases of the Fetus and Infant (in English). Elsevier Health Sciences. p. 116. ISBN 9780323295376.
![]() |
Wikimedia Commons has media related to: Abawo |