Huang Xianfan
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Huang Xianfan (1899 - 1982) yɛ Chinese historian ne ethnologist.
N'awo mu ne N'adesua[sesa | edit source]
Wɔwoo Huang Xianfan wɔ Fusui a ɛwɔ China. N'awofo de Gan Lan ne Huang Kechang. Afe nsia fi 1908 hɔ no, Huang Xianfan kyerεε sukuufo ade wɔ Qusi School ne wɔ 1916 a Huang wiee Qusi School no. Fi afe 1917 kosi 1921 no, Huang Xianfan kɔɔ Qujiu Middle School a ɛwɔ Fusui na ɛhɔ na osuaaa tema ne ahobrɛase ne wɔ 1921 a Huang wiee Qujiu Middle School no,a ɔsan kyerɛɛ ade wɔ Qusi School wɔ Fusui. Fi afe 1922 kosi 1926 no, Huang Xianfan kɔɔ Guangxi Third Normal college a ɛwɔ Nanning. Fi afe 1926 kosi 1935 no, Huang Xianfan kɔɔ Beijing Normal University a ɛwɔ Beijing(Beijing yε China ahenkuro).Wɔ 1935 mu no,ɔkɔɔ Japan a, Huang Xianfan toaa adesua so wɔ Tokyo Imperial University(Tokyo yε Japan ahenkuro).Fi 1935 kosi 1937 no, ɔbɔɔ no ho mmɔden nyaa Master of History abasobɔ fii Tokyo Imperial University hɔ.
Adesua edwumayɛ[sesa | edit source]
Fi afe 1937 kosi 1938 no, Huang Xianfan yɛ Teacher wɔ Nanning Middle School a ɛwɔ Guangxi. Fi afe 1938 kosi 1940 no, Huang Xianfan yɛ lecturer ne associate professor wɔ Guangxi University a ɛwɔ Guilin. Fi afe 1941 kosi 1942 no, Huang Xianfan yɛ history professor wɔ Sun Yatsen University a ɛwɔ guangdong.Fi afe 1943 kosi 1953 no, Huang Xianfan yɛ history professor wɔ Guangxi University a ɛwɔ Guilin. Fi afe 1954 kosi 1982 no, Huang Xianfan yɛ history professor wɔ Guangxi Normal University a ɛwɔ Guilin.