John Mahama

From Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
John Dramani Mahama a ɔkasa wɔ Chatham Afie a ɛwɔ London

John Mahama yɛ Ghanani amanyoni. Na ɔyɛ Ɔmanpanin wɔ Ghana ɛfiri afe 2013 kɔ si afe 2017. Ɔsoom sɛ mmarahyɛ badwani nso wɔ Ghana mmarahyɛ badwa mmienu , mmiɛnsa, ɛne ɛnan adehyeman a ɔto so ɛnan a ɛfiri afe 1997 kɔ si afe 2009.

Bra Ahyɛse[sesa | edit source]

Mahama firi Bole a ɛwɔ Atifi atɔyɛ mantem ,Ghana. Ɔhyɛ sukuu ase wɔ Achimota mmɔfra Sukuu a ɛwɔ Nkran, Ghana. Ɔkɔe Ghana Ntoaso Sukuu a ɛwɔ Tamale, Ghana. Ɔkɔee Ghana Sukuupɔn nso a wɔfrɛ no Legon kɔ sua Abakɔsɛm. Ɔwiee wɔ afe 1981.

Ne Adwuma[sesa | edit source]

Ɔde ne ho dɔmee National Democratic Congress (NDC). Na ɔyɛ mmarahyɛ badwani wɔ Ghana mmarahyɛ badwa mmienu , mmiɛnsa , ɛne ɛnan adehyeman a ɔto so ɛnan a ɛfiri afe 1997 kɔ si afe 2009

Na ɔyɛ Ɔmanpanin ne abadiakyiri wɔ Ghana ɛfiri afe 2009 kɔ si afe 2012 ɛmmerɛ a na John Evans Atta Mills ɛyɛ Ɔmanpanin. Ɔbɛ yɛ Ɔmampanin ɛmmerɛ John Evans Atta Mills ɛda ne benkum so afi 2012. Ɔno akyiri ɔbɛ yɛ Ɔmampanin wɔ Ghana ɛfiri afe 2013 kɔ si afe 2017.

Fie Asɛm[sesa | edit source]

Ne hokafo yɛ Lordina Mahama. Na ne papa nso ne Emmanuel Adama Mahama nso a na ɔyɛ kane Ghanani amanyoni a ɔsoom sɛ mmarahyɛ badwani wɔ Ghana adehyeman a edi kan.