Nyinsɛn a wɔhyɛ da yi
- Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.
- Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.
Nyinsɛn a wɔhyɛ da yi | |
---|---|
Nsεm a wͻahyehyε ne baabi a wonya nsεm afoforo | |
ICD/CIM-10 | O04 O04 |
ICD/CIM-9 | 779.6 779.6 |
DiseasesDB | 4153 |
MedlinePlus | 002912 |
Nyinsɛntogu yɛ nea wɔhyɛ da yi nyinsɛn denam yi a wɔhyɛ da yi mogyatɔw anaa akokoaa fi awotwaa mu a ɔrenyin ansa na watumi ɛno ara betumi atena ase. Nyinsɛn ankasa nso tumi sɛe, na mpɛn pii no wɔka eyi ho asɛm sɛ nyinsɛn a asɛe. Wobetumi nso ahyɛ da ayi agu, na wɔfrɛ eyi nyinsɛntogu. Asɛmfua nyinsɛntogu mpɛn pii no kyerɛ nyinsɛn a wɔhyɛ da yi gu wɔ nnipa mu. Biribi a ɛte saa a wɔyɛ bere a mogyatɔw no ankasa betumi anyin ayɛ nnipa no, wɔfrɛ no wɔ aduruyɛ mu "nyinsɛn a wɔayi no akyiri".[1]
Wɔ nnansa yi aduruyɛ mu no, wɔde nnuru a wɔfa anaa oprehyen so na eyi nyinsɛn gu. Nnuru abien yi-mifepristonene prostaglandinyɛ adwuma yiye wɔ eyi mu te sɛ oprehyen a wɔyɛ wɔ bosome abiesa a edi kan no mu.[2][3] Ɛwom sɛ wobetumi de nnuru adi dwuma wɔbosome abiesa a ɛtɔ so abien mu de,[4] nanso ɛte sɛ nea oprehyen mmom ntaa mmfa asɛm mma.[3] Aduru a wɔde siw awo ano, a nea ɛka ho ne aduru a ɛyɛ topae ne adwinnade a wɔde hyɛ awotwaa muyɛ nea wobetumi afi ase ntɛm pa ara wɔ nyinsɛntogu no akyi.[3] Nyinsɛntogu wɔ aman a wɔanya wɔn ho mu yɛ nea abakɔsɛm kyerɛ sɛ ka aduruyɛ mu nnwuma a bammɔ wom ho bere a wɔma ho kwan wɔ mmara a ɛwɔ ɔman no mu.[5][6] Nyinsɛn a woyi no kwan pa so ntaa mmfa adwenemyare anaa nipaduam haw biara mma.[7] Wiase Akwanhosan Ahyehyɛdehyɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ mmea a wɔwɔ wiase nyinaa nya hokwan koro ara yi a bammɔ wom na mmara ma kwan.[8] Nyinsɛn a wonnyi no kwan pa soma mmea bɛyɛ mpem aduanan nsɔn mmaatan a wɔhwere wɔn nkwa[7] na ɛma wɔde mmea ɔpepem anum nso kɔ ayaresabea afe biara.[9]
Nyinsɛn ahorow bɛyɛ ɔpepem aduanan anan na woyi gu wɔ wiase nyinaa afe biara, a bɛyɛ emu fa na wɔnnyɛ no kwan pa so.[10] Nyinsɛntogu ahorow a akɔ so nsesae ahe biara fi afe 2003 kosi afe 2008 mu,[10] bere a akɔ fam wɔ mfe dudu mu bere a ntetee a ɛfa sɛnea wɔte abusua dodow sone awo a wosiw anoanya nkɔanim no[11] wiase nyinaa mmea ɔha mu nkyekyem aduanan nyaa hokwan yii nyinsɛn gui "a wɔansiw wɔn kwan".[12] Nanso yɛwɔ anohyeto fa bosome dodow a nyinsɛn bi bedi ansa na wobetumi ayi agu.[12]
Nyinsɛn a wɔhyɛ da yi gu kura abakɔsɛm. Wɔafa akwan ahorow so ayɛ eyi, a nea ɛka ho ne ahabannuru, nnwinnade a wɔde twitwa ade, nyinsɛn no a wɔde nsa keka, ne afoforompɔtam hɔ akwan ahorow fi tete.[13] nyinsɛntogu ho mmara, mpɛn dodow a wɔyɛ no ne amammere ne ɔsom a ɛbata ho gu ahorow wɔ wiase afa ahorow. Wɔ akwan bi so no, mmara ma nyinsɛntogu ho kwan bere a nneɛma bi asisi te sɛ abusuafo ntam nna, mmonaato, ɔhaw bi a ɛwɔ mogyatɔw no ho, sikasɛm anaa maame no akwanhosan.[14] Wɔ wiase afa horow mu no ɔmanfo mu akasakasa de fa ɔbrapa, wɔma kwan, ne sɛ ebia mmara ma nyinsɛntogu ho kwan anaa. Wɔn a wɔsɔre tia nyinsɛntogu kyerɛ sɛ mogyatɔw a ɛwɔ awotwaa mu yɛ nnipa a ɔwɔ hokwan sɛ ɔtena asena yebetumi de nyinsɛntogu atoto awudiho.[15][16] Wɔn a wɔtaa nyinsɛntogu akyi nyinsɛntogu hokwan si so dua hokwan a ɔbea wɔ sɛ osi gyinae fa n'ankasa nipadua ho[17] a wɔsan si so dua sɛ hokwan a nnipa wɔmpɛn pii.[8]
Nsεm afoforo[sesa | edit source]
- ↑ Grimes, DA; Stuart, G (2010). "Abortion jabberwocky: the need for better terminology". Contraception 81 (2): 93–6. PMID 20103443. doi:10.1016/j.contraception.2009.09.005.
- ↑ Kulier, R; Kapp, N; Gülmezoglu, AM; Hofmeyr, GJ; Cheng, L; Campana, A (Nov 9, 2011). "Medical methods for first trimester abortion.". The Cochrane database of systematic reviews (11): CD002855. PMID 22071804. doi:10.1002/14651858.CD002855.pub4.
- ↑ 3.0 3.1 3.2 Kapp, N; Whyte, P; Tang, J; Jackson, E; Brahmi, D (Sep 2013). "A review of evidence for safe abortion care.". Contraception 88 (3): 350–63. PMID 23261233. doi:10.1016/j.contraception.2012.10.027.
- ↑ Wildschut, H; Both, MI; Medema, S; Thomee, E; Wildhagen, MF; Kapp, N (Jan 19, 2011). "Medical methods for mid-trimester termination of pregnancy.". The Cochrane database of systematic reviews (1): CD005216. PMID 21249669. doi:10.1002/14651858.CD005216.pub2.
- ↑ Grimes, D. A.; Benson, J.; Singh, S.; Romero, M.; Ganatra, B.; Okonofua, F. E.; Shah, I. H. (2006). "Unsafe abortion: The preventable pandemic" (PDF). The Lancet 368 (9550): 1908–1919. PMID 17126724. doi:10.1016/S0140-6736(06)69481-6.
- ↑ Raymond, EG; Grossman, D; Weaver, MA; Toti, S; Winikoff, B (Nov 2014). "Mortality of induced abortion, other outpatient surgical procedures and common activities in the United States.". Contraception 90 (5): 476–479. PMID 25152259. doi:10.1016/j.contraception.2014.07.012.
- ↑ 7.0 7.1 Lohr, P. A.; Fjerstad, M.; Desilva, U.; Lyus, R. (2014). "Abortion". BMJ 348: f7553. doi:10.1136/bmj.f7553.
- ↑ 8.0 8.1 Organization, World Health (2012). Safe abortion: technical and policy guidance for health systems (2nd ed. ed.). Geneva: World Health Organization. p. 8. ISBN 978-92-4154843-4.
- ↑ Shah, I.; Ahman, E. (December 2009). "Unsafe abortion: global and regional incidence, trends, consequences, and challenges" (PDF). Journal of Obstetrics and Gynaecology Canada 31 (12): 1149–58. PMID 20085681.
- ↑ 10.0 10.1 Sedgh, G.; Singh, S.; Shah, I. H.; Åhman, E.; Henshaw, S. K.; Bankole, A. (2012). "Induced abortion: Incidence and trends worldwide from 1995 to 2008" (PDF). The Lancet 379 (9816): 625–632. PMID 22264435. doi:10.1016/S0140-6736(11)61786-8.
- ↑ Sedgh G, Henshaw SK, Singh S, Bankole A, Drescher J (September 2007). "Legal abortion worldwide: incidence and recent trends". Int Fam Plan Perspect 33 (3): 106–116. PMID 17938093. doi:10.1363/ifpp.33.106.07.
- ↑ 12.0 12.1 Culwell KR, Vekemans M, de Silva U, Hurwitz M (July 2010). "Critical gaps in universal access to reproductive health: Contraception and prevention of unsafe abortion". International Journal of Gynecology & Obstetrics 110: S13–16. PMID 20451196. doi:10.1016/j.ijgo.2010.04.003.
- ↑ Joffe, Carole (2009). "1. Abortion and medicine: A sociopolitical history" (PDF). In MPaul, ES Lichtenberg, L Borgatta, DA Grimes, PG Stubblefield, MD Creinin. Management of Unintended and Abnormal Pregnancy (1st ed.). Oxford, United Kingdom: John Wiley & Sons, Ltd. ISBN 978-1-4443-1293-5. Archived from the original on 21 October 2011.
- ↑ Boland, R.; Katzive, L. (2008). "Developments in Laws on Induced Abortion: 1998–2007". International Family Planning Perspectives 34 (3): 110–120. PMID 18957353. doi:10.1363/ifpp.34.110.08.
- ↑ Pastor Mark Driscoll (18 October 2013). "What do 55 million people have in common?". Fox News. Retrieved 2 July 2014.
- ↑ Dale Hansen (18 March 2014). "Abortion: Murder, or Medical Procedure?". Huffington Post. Retrieved 2 July 2014.
- ↑ Sifris, Ronli Noa (2013). Reproductive Freedom, Torture and International Human Rights Challenging the Masculinisation of Torture.. Hoboken: Taylor and Francis. p. 3. ISBN 978-1-135-11522-7.